Оберіть трек для відтворення
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛreba ei
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛreba ei
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛreba ei
Masɔre anɔpa, me ho nfa me o
Ɔdɔ afe m'ano, manya ahomeka
Sɛ m'aba mu bu a, ɔsere kyere me o
Wama awɔsini agu me o, manya ahoɔden foforo bi o
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ da gya mu
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ hyehyehyee
Ɔdɔ yɛwu ei, wo nkɔmmɔ da gya mu, oh
Saa na ɔteɛ, ɔbrɛ ne ho ase o
Ɔmpɛ ne ho asɛm nso, sɛɛ na ahwene pa nkasa o
Tumtum buroni e, obibini mu obibini ei
Mebɔ wo nsammrane a, gye me so ɛ
Ao, ɔdɔyɛwu ei
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛrebɔ yi, yeah
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛrebɔ ei
Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni hɔ a, menso daeɛ pa o, oh, yeah
Oh, ɔnni hɔ a, nisuo bokiti ma o
Ɔdɔyɛwu ei, fa wo nsa bɛto me kɔn mu o
Ka asɛm dɛɛdɛ bi kyerɛ me ei, ma me ho nsɛpɛ me o
Me dɔ mu piesie, wodi ɔdɔ ma ɔdɔ yɛ fɛ
Mete wo so a, masɔre
Ao, ɔdɔyɛwu ei
Yeah-yeah
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no, ɔbɔɔ obiara ne ne deɛ ei
Sɛ manya me dɔfo yi a, mentwetwe n'ase o
Sɛ ɔfiri adwuma ɛ'ba a, mede amirika na ɛbɛkɔ 'hyia no ei
Na mayɛ no awaawaatuu, ɔdɔyɛwu aba a, tena ase o
Na mɛhwɛ w'aniwama mu, ɛno na ɛma me awerɛkyekyere ei
Mehu wo a, na me ho a ɛtɛ me ei
Ao, ɔdɔyɛwu ei
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛrebɔ yi, oh
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛrebɔ yi, oh, oh, oh
Ɔdɔyɛwu ei, me na me'frɛfrɛ wo o, yeah, oh
Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna o, oh
Oh, ɔnni hɔ a, menso daeɛ pa o, oh, yeah
Oh, ɔnni hɔ a, nisuo ankorɛ ma, ooh
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (yeah)
Wonni hɔ a, meda a, ɛnna (ah, yeah)
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, ha, ha, ha
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna, ha, ha, ha
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa (anisuo, aah)
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoaa (bokiti ma)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoaa, ha, ha, ha (eh)
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoaa, ha, ha, ha (eh-yeah)
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (yeah, e-yeah)
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (hey, yeah-yeah)
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, nisuo nkoaa (ɔdɔ nni hɔ a)
Ɔnni hɔ a, nisuo nkoaa (yea yea)
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna, meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, nisuo nkoaa (anisuo nkoaa)
Ɔnni hɔ a, nisuo nkoaa
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna