Оберіть трек для відтворення
Mpanimfoɔ se nka ɛyɛ kɔ-na-kɔto
Na ɛnyɛ kɔ-na-kɔsrɛ
Nso China adehyeɛ bi a
Waba ɔman yi mu sɛ ɔmo reba abɛdi paa
W'ani atra ɔmo anintɔn, dwɛɛ ne afɛɛfɛsɛm nti
Yɛakye ɔmo akɔgu apoosifoɔ koko mu
Nea ɔmo ayɛ ne sɛ, Ghanani paa, ɛna ɔmo de handcuff agu ne nsa
Yeah!
Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir)
Na mose afono mo anaa? (No, sir)
Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir)
Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir)
Okay, yɛrestarte a
Accelerator no, sɛ meregase a
Da bɛn koraa? Ɛ'me sɛ ɛnora
Parliament, ah, asɛm a merebɛka koraa, me werɛ afi
Agya, ntoatoa, ah!
Kyeiwaa akɔyɛ dondoo
America abɔnten, atwitwa photo
Deɛ Nyame ahyira, wontumi nyɛ no foko
Ne kunu no, na ɛ'me sɛ ɔsɛ Idi Koko
Ah, SM
Ɔte ne baabi, na ɔmpɛ asɛm
Ɔne Beyonce video no, anya abam'
Ama Bhimfoɔ no ho hyehye ɔmo
A'sɛ ɔmo deda bonsam gyam' (gyam')
Merebɛfrɛ Teacher Kojo ma no akyerkyerɛm'
Yɛrebɛbiebiem'
Hello, Teacher, wote me nka a
Mabie ahoma no o, wobɛtumi awuram'
Hehe, Amerado, masɔm' wɔ ha
Mayere mu pampee, adeɛ yi, menyɛ kwata
Naano Fiada, fidie ayi nam, herh
Shatta ne Beyonce akɔ apam
Video no ankasa deɛ, ɛyɛ gam
Ama Bhim ne SarkNationfoɔ no reham
SarkNationfoɔ ayera kurom'
Ama BhimNationfoɔ no nso nkasa biom (ei saa?)
Ɛnneɛ na ɛ'ya
Metee sɛ 'bi se video no koraa, ɛnyɛ ampa
Oh, gyaa ɔmo, ɛnyɛ deɛbɛn ampa
Already video no, ɛnono o, Nana, woda a da
Yoo, Teacher Kojo na motee ne nka
Kwaw Kese nso abɛka nsɛm pa
Ɔse young boy, wosi so na woanthinke, aninveste a
Ɛkɔm de wo a wobɛsuffer
Ah-huh, Nana Addo Dankwa
Ɔbɛkasaae, still waclose border
Ɔse still no ara, ɔsuro Corona
Ɔmmɛbie border no na haw abɛto Ghana
Chinani bi akɔyɛ nsɛnkyerɛnne
Yɛse wakɔwe apɔnkyerɛnne
Bɛyɛ 85, ɔne obi akɔ bet
Ɔwe wiieɛ ara aah, wawu, akoa agye ne din
Ah, Afia Schwa nso kɔyii ne to
Ɛho hyɛmm, a'sɛ sakora parke so
Magye adi sɛ awieɛ mmerɛ no rebɛso
Nansa yi, nsɛm a ɛresisi koraa deɛ ɛboro me so
Ah, Mahama o, denden
Afei deɛ penpen, wɔse no penpen
Waunveile ne vice, Mama Jane no, ɔnie
Let me see your shouting, NDCfoɔ ei, dede!
Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir)
Na mose afono mo anaa? (No, sir)
Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir)
Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir)
Yɛn nyinaa yɛn wura, Sarko
Ɔse 2024, ne mpaebɔ
Ɔnya president a, ɔbɛdi no sɛ ɛtɔ
Akoa bi se Strongman mpo wantumi ammanage na Ghana
Ɔmfa nsɔɔ hɔ!
Bishop Agyin Asare se ɔno, ɔnyɛ Yesu
Nso so, since 1980, ɔmfaa ne yere akyi da, wakeepi clean sheet
Aside ne wife, deɛ ɔwe ara ne PK
Ah, Sister Derby
Ɔno nso akɔtwerɛtwerɛ nsɛm pii
Agu Snap, ɔse boyfriend, ɔhia bi
Ne Jollof no, ɔrepɛ obi ama no adi
Ah yɛrete nsɛm, day by day
Wiyaala nso adwa o, oh my days
Ɔse bloggers no, she no dey need your praise
Waka n'adwen, if you bore deaa, wo ara wo plantain
Savannah Reion hɔ baabi
Video bi droppeeɛ, old woman bi
Ɛna nipa si ne so de belt rehu n'akyi
Sɛ kuro yi a ɔmo te so yi, ɔno na ɛmma no nkɔso, daabi (no!)
Yɛbɛgyina so aye nkratoɔ
Ɛnnɛ, akranteɛ nkwan, emu berɛboɔ
Ɛna merekɔwe no backstage, chop time, no friend
Seisei a megyina ha yi koraa, menni adamfoɔ
Yɛrekɔ aba
Corona kɔ a
Na sɛ kuro biara bie borer no a
Littles Travel de wo bɛtu
Ɛno saa no, wobɛhu, abayifoɔ bɛsu, "Maa, maa"
Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir)
Na mose afono mo anaa? (No, sir)
Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir)
Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir)
Yoo, akwaaba o! Patapaa-paa, redewaa-waa
Ɔse Nana Lace ne Poyoo yɛ 'nkoraakoraa'
Ɛno nti interview bi ho koraa, ɔde kokoasa ara aah, wankɔ
Ɔse ɔne Nana Lace nkɔ set so, watra saa
Furthermore, fire on the mountain
Joint 7-7, Millitant Captain
Ɔse SM Fans, ma monha n'adwen
Mo Whatsapp groups a mode no ka ho
He no dey like that thing, aah
Okay, bottom power, shegee!
Princess Shyngle
Ɔse boys ateetee no ara aah
Seisei, girls na ɔplay, whoa!
Deɛ ɛ'dɛ
Sports news, merebɛwɔ no sɛ abɛ
Serie A no, Juventus agye
EPL no nso, naano, akɔ n'awieɛ
Man Cityfoɔ Ederson na ɛfaa Best Keeper
Chelseafoɔ keeper, Kepa, faa worst keeper
Yɛse ɔreba Kotoko abɛyɛ justify
Na Kotoko no koraa, ɔba a menyɛ sure sɛ ɔbɛnya pole mu ada
Champions League, Leicester ankɔ
Arsenal tɔɔ so eight, Europa, wankɔ
Balon D'or, afe wei, FIFA se yɛanyɔ
Nka Lingard bɛgye, akoa yi nim ball bɔ
Ao, ao, deɛ ɛretrende nko ara
Meredi kɔnkɔnsa a na mo ani agye
Mo ho dɔ nti menna, da biara na researche
N'sɛ moahunu sɛ me, me so ate
Ah, news no, ɛdɔɔso
Mabrɛ, medebɛsi ha na n'sɛ ɛnyɛ force
Me na m'aso ɔ'den sɛ coal potto
Nka magyae, next week, Episode 12, ɛdam'
Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir)
Na mose afono mo anaa? (No, sir)
Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir)
Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir)