Оберіть трек для відтворення
Daakye asɛm nti na yɛsum bɔɔdeɛ aa yɛsum kwadu
Wompɛ mpanneɛ wɔ aa hwɛ na w'ankɔda Korle Bu
Kwan nkyɛn adeɛ yɛ fɛ nso ne nyinaa fyina wo kotokum
Adwuma aa yɛso yi ɛso hwɛ yie na w'aama w'ani ankum
Mate pae twa taeɛ tae deɛ ɔɔpae boɔ nso repae
Nipa nyɛ aboa mɛnnyɛ no hai
Na obiaa nnim deɛ ɔba abɛdi kai
Mframma ano bɛdwo ama atentenhuo asi fam
Yɛnya atam yasɔ yi yɛvɛsi dɛn na yɛdi kcm
Ha tire mmienu na ɛɛlɔ ɛnyɛ atikorɔ
Yɛɛkɔ aa yɛkɔ no anibrɛ so bɛɛma ɛnyɛ adigorɔ
Wobɛ soo fya anaa wobɛ hwɛɛ nkwan mu anhwɛ w'agye asotorɔ
Nnua aa asi kwaeɛ mu wo bɛn ho aa na wobɛhu sɛ ɛnyɛ adekorɔ
Ebiaa wc dwuma aa ɛdi
Ebiaa wc yareɛ aa ɛsa
Acheampong kum kuro
Ɛso Odum na Ɛso Wawa
Ɔbɔ adeɛ kyɛɛ obiaa nadom
Nana wo botaeɛ ne sɛn
Ɔkɔdeɛ fu ntaban na aponkye so afu abɛbɛn
Deɛ ɛwɔ sɛ me dua m'adua
Daakye mɛte do aba
Megyedie mu na mekura
Mebrɛ yi nyinaa ɛnyɛ kwa
Tɔda aa menya aa mɛda nso daa ne daa mehia me daawa
Nso ɛyaa na makai sɛ bɛɛma bɛɛyɛ bi nti menya aboterɛ ansa
Blɛoo blɛoo
Sɛ ɔbra no tra wo aa ɛyaa na w'anom nsuo kakra kɔ
Blɛoo blɛoo
Susu tutu mmirika wideɛ wɔ mu aa wonsa bɛka kɔ
Blɛoo blɛoo
Bebrebe yi aa yɛɛyɛ yi bɛwie akyire na ebi mfata kɔ
Blɛoo blɛoo
Su frɛ wo Nyame sɛ ɔbra akwantuo yi ɔnye wo taata
Bebrebe yi mfa bi nka ho oo botaeɛ aa esi w'ani so ara na hwɛ oo
Na ɛdeɛn ne flɛdɛflɛdɛ yi
Nyankopɔn de obiaa ne pɛ ama no ɛnfa nkɔhyɛ obi
Biibi ankɔ ka papa ɛnnye kyerɛdɛ
Bebrebe yi mfa bi nka ho oo botaeɛ aa esi w'ani so ara na hwɛ oo
Na ɛdeɛn ne flɛdɛflɛdɛ yi
Nyankopɔn de obiaa ne pɛ ama no ɛnfa nkɔhyɛ obi
Biibi ankɔ ka papa ɛnnye kyerɛdɛ